9 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Israel fie ne Yuda+ bɔne sõ papaapa;+ mogyahwiegu+ ahyɛ asase no so mã, na akɔntɔnkyesɛm+ ahyɛ kurow no mã, na wɔka sɛ, ‘Yehowa agyaw asase no,+ na Yehowa nhu.’+
35 saa na ɛbɛma treneefo mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo so,+ efi ɔtreneeni+ Habel+ mogya so kosi Barakia ba Sakaria mogya so, nea mukum no kronkronbea ne afɔremuka ntam no.+