11 “Efi owiapuei kosi owiatɔe, me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu.+ Na wɔbɛhyew afɔrebɔde+ ama me din wɔ baabiara, ayɛyɛde ne akyɛde a ɛho tew,+ efisɛ me din bɛyɛ kɛse wɔ aman nyinaa mu,”+ Asafo Yehowa na waka.
9 na ama amanaman+ no ahyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ne mmɔborɔhunu+ ho. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ɛno nti na mɛpae mu abɔ wo din wɔ amanaman mu, na mɛto ayeyi dwom ama wo din.”+
6 Na metee nne bi a ɛte sɛ nnipakuw kɛse bi nne ne nsu pii ne aprannaa a ano yɛ den nnyigyei. Wɔkae sɛ: “Munyi Yah ayɛ,+ efisɛ Yehowa yɛn Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ+ no afi ase redi hene.+