13 Eyi nti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, me nkoa bedidi,+ na mo de, ɔkɔm bɛde mo.+ Hwɛ, me nkoa benya biribi anom,+ na mo de, mo menewam bɛwo.+ Hwɛ, me nkoa ani begye,+ na mo de, mo ani bewu.+
13 O Yehowa, Israel anidaso,+ wɔn a wogyaw wo nyinaa ani bewu.+ Wɔn a wɔwae fi wo ho*+ no, asase so na wɔbɛkyerɛw wɔn din, efisɛ wɔagyaw Yehowa a ɔyɛ nkwa nsuti no.+
18 Ma m’ataafo ani nwu,+ na me de, mma m’ani nnwu.+ Wɔn na ma ehu nka wɔn, na me de, mma ehu nnka me. Ma mmusu da+ no mmra wɔn so, na fa ɔsɛe mmɔho sɛe wɔn.+