Yesaia 14:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 W’ahokyerɛ ne wo sanku nnyigyei nyinaa abedu Adamoa mu.+ Mmoawa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so, na asunson abɛyɛ ntama a ɛkata wo ho.’+ Yesaia 34:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wusiw bɛkɔ soro daa.+ Kurow no bɛwo ayɛ kesee wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+ Mateo 3:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Okura ne nhuwso apaawa wɔ ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea fitafita, na waboaboa n’awi ano agu asan so,+ na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”+ Mateo 25:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum so no nso sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ+ daa ogya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo+ no mu. Marko 9:48 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 48 faako a wɔn mu mmoawa nwu na ogya no nnum no.+ 2 Tesalonikafo 1:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Wɔde daa ɔsɛe+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no ma wɔafi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam no ho,+
11 W’ahokyerɛ ne wo sanku nnyigyei nyinaa abedu Adamoa mu.+ Mmoawa manyamanya abɛyɛ mpa a woda so, na asunson abɛyɛ ntama a ɛkata wo ho.’+
10 Anadwo oo, anɔpa oo, ɛrennum, na ne wusiw bɛkɔ soro daa.+ Kurow no bɛwo ayɛ kesee wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu,+ na obiara rentwam wɔ hɔ da.+
12 Okura ne nhuwso apaawa wɔ ne nsam, na ɔbɛpra n’awiporowbea fitafita, na waboaboa n’awi ano agu asan so,+ na ntɛtɛwa no de, ɔde ogya a ennum da bɛhyew.”+
41 “Afei ɔbɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum so no nso sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, mumfi me so nkɔ+ daa ogya+ a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfo+ no mu.
9 Wɔde daa ɔsɛe+ bɛyɛ asotwe+ ama wɔn a wɔte saa no ma wɔafi Awurade anim ne n’ahoɔden anuonyam no ho,+