29 Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bae bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+
6 Hosea afe a ɛto so akron mu na Asiria hene dii Samaria so nkonim,+ na ɔde Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor wɔ asubɔnten Gosan ho+ ne Mediafo nkurow mu.+
11 Ɛno akyi no, Asiria hene+ de Israelfo kɔɔ nkoasom mu+ wɔ Asiria, na ɔde wɔn kɔtenatenaa Hala+ ne Habor+ wɔ asubɔnten Gosan ho ne Mediafo nkurow mu,+
26 Enti Israel Nyankopɔn hwanyan Asiria+ hene Pul,+ kyerɛ sɛ, ɔhwanyan Asiria hene Tilgat-Pilneser+ honhom,+ ma ɔfaa Ruben ne Gad asefo, ne Manase abusuakuw no fã kɔɔ nkoasom+ mu wɔ Hala+ ne Habor ne Hara ne Gosan asu ho de besi nnɛ.