63 “Afei sɛnea Yehowa ani gyei sɛ ɔbɛyɛ mo papa na wama moadɔ no,+ saa ara na Yehowa ani begye sɛ ɔbɛsɛe mo atɔre mo ase.+ Na obetwa mo afi asase a morekɔ so no so.+
13 Hwɛ, nea ɔnwenee mmepɔw+ na ɔbɔɔ mframa,+ nea ɔka ne tirim asɛm kyerɛ ɔdesani,+ nea ɔma adekyee yɛ kusuu+ na otiatia asase so nkoko so no,+ Yehowa, asafo Nyankopɔn, ne ne din.”+