Hiob 40:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Hwie w’abufuw a ɛboro so no,+Na hwehwɛ ɔhantanni biara na brɛ no ase. Yesaia 2:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+ Daniel 4:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 “Afei me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema no so hyɛ no anuonyam,+ efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”+ Luka 14:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Na obiara a ɔma ne ho so no wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no wɔbɛma no so.”+
11 Ɔdesani ani a ɛtra ne ntɔn no bɛbrɛ ase na nnipa ahomaso aba fam.+ Saa da no, Yehowa nkutoo na wɔbɛma no so.+
37 “Afei me, Nebukadnesar, miyi ɔsoro Hene no ayɛ na mema no so hyɛ no anuonyam,+ efisɛ ne nnwuma nyinaa yɛ nokware, na n’akwan yɛ atɛntrenee,+ na wɔn a wɔnam ahantan so no, otumi brɛ wɔn ase.”+