18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anantew saa nna no mu, na wɔn baanu befi adi afi atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+
16 “Onipa ba, hwehwɛ dua+ bi na kyerɛw so sɛ, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no dea.’+ Fa dua foforo nso na kyerɛw so sɛ, ‘Yosef dea, Efraim dua,+ ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa.’+
19 ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni: “Hwɛ, mede Yosef dua a ɛwɔ Efraim nsam ne Israelfo a wɔka ne ho no bɛka Yuda dua ho, na mɛma ayɛ dua biako,+ na wɔbɛyɛ biako wɔ me nsam.”’