Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Esra 3:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɔsram a ɛto so ason+ no dui no, na Israel mma akɔtenatena wɔn nkurow mu. Na ɔman no nyinaa boaboaa wɔn ano sɛ nipa biako+ baa Yerusalem.+

  • Yesaia 11:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na ɔbɛma ahyɛnsode bi so ama aman no na waboaboa Israelfo a wɔapete no ano,+ na ɔbɛka Yudafo a wɔahwete no afi asase no afanan+ nyinaa aboa ano.

  • Yeremia 3:18
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 18 “Yuda fie ne Israel fie+ bɛbɔ anan+ anantew saa nna no mu, na wɔn baanu befi adi afi atifi asase so akɔ asase a mede maa mo agyanom sɛ wɔn agyapade no so.+

  • Yeremia 30:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfo no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm ni.’”

  • Hesekiel 37:17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 17 Na ka abien no bom yɛ no dua biako, na ampa ara ɛbɛyɛ biako wɔ wo nsam.+

  • Mika 2:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkae nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nguankuw a wɔwɔ nguannan mu, te sɛ nguan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+

  • Romafo 11:26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 26 na saa kwan yi so na Israel+ nyinaa benya nkwa. Sɛnea wɔakyerɛw sɛ: “Ogyefo no befi Sion aba+ na wadan amumɔyɛsɛm afi Yakob.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena