3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn behu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa so.+
14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfo no ano na mayi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo fi kɔɔ nkoasom mu no.’+
25 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Afei de, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibere bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+