3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfo no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm ni.’”
20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a, mede mo bɛba. Na sɛ meboaboa mo nnommum ano de wɔn brɛ mo a, mɛma moayɛ edin ne ayeyi wɔ asase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+