10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni, “na mmɔ hu, O Israel,+ efisɛ megye wo afi akyirikyiri na magye wo mma afi asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+
26 Wɔbɛtena so dwoodwoo+ na wɔasisi adan+ ayeyɛ bobe nturo.+ Bere a mabu wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wodi wɔn ho fɛw no atɛn no,+ wɔbɛtena ase dwoodwoo;+ na wobehu sɛ mene Yehowa wɔn Nyankopɔn.”’”