25 Na nea Yehowa aka ni: “Ɔdɔmmarima nkoa mpo, wobegye afi ne nsam,+ na wɔn a otirimɔdenfo afa wɔn no beguan.+ Nea ɔne wo di asi no, me ne no bedi asi,+ na me ara megye wo mma.+
3 “Na me ara mɛboaboa me nguankuw nkae ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+
3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfo no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm ni.’”