14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfo no ano na mayi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo fi kɔɔ nkoasom mu no.’+
27 “‘Na wo, m’akoa Yakob, nsuro, na mma wo bo nntu, O Israel.+ Megye wo nkwa wɔ akyirikyiri, na magye w’asefo afi wɔn nkoasom asase so.+ Na Yakob bɛsan aba, na ne ho bedwo no na watena hɔ dwoodwoo a obiara renyi no hu.+