11 Saa da no, Yehowa bɛteɛ ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkae afi Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔw+ nyinaa so.
3 “Na me ara mɛboaboa me nguankuw nkae ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+
37 ‘Hwɛ, mɛboaboa wɔn ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so m’abufuw ne m’abufuhyew ne m’anibere mu no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba ha ma wɔabɛtena ase dwoodwoo.+
14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+