7 Na ɛbɛyɛ Yuda fie nkae+ no asase, na ɛhɔ na wobedidi. Wɔbɛdeda Askelon afie mu anwummere adwudwo wɔn ho. Na Yehowa wɔn Nyankopɔn bɛdan n’ani aba wɔn so+ na ɔde wɔn nnommum asan aba.”+
20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a, mede mo bɛba. Na sɛ meboaboa mo nnommum ano de wɔn brɛ mo a, mɛma moayɛ edin ne ayeyi wɔ asase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+