2 Ɛbɛhanhan,+ na ɛde anigye ne osebɔ bɛsɛpɛw ne ho.+ Wɔde Lebanon anuonyam,+ Karmel+ ne Saron+ ahoɔfɛ, bɛma no. Na nnipa behu Yehowa anuonyam,+ yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ.+
14 Mɛma wɔn baabi pa adidi na Israel mmepɔw atenten so ayɛ wɔn tenabea.+ Ɛhɔ na wobenya tenabea pa+ adwudwo wɔn ho na wɔadi aduan pa wɔ Israel mmepɔw so.”