11 Saa da no, Yehowa bɛteɛ ne nsa ne mprenu so+ de agye ne man nkae afi Asiria+ ne Egypt,+ Patros+ ne Kus,+ Elam+ ne Sinar,+ Hamat ne po so nsupɔw+ nyinaa so.
7 Nea Yehowa aka ni: “Momfa ahurusi nteɛm Yakob ho, na mommɔ nnye so wɔ amanaman+ no ti. Mommɔ no dawuru.+ Munyi ayɛ na monka sɛ, ‘O Yehowa, gye wo man Israel nkae+ no.’
12 “‘Mɛboaboa Yakob ano, mo nyinaa,+ na mɛka Israel nkae nyinaa aboa ano.+ Mɛka wɔn abom te sɛ nguankuw a wɔwɔ nguannan mu, te sɛ nguan a wɔwɔ adidibea,+ na nnipa bɛyɛ gyegyeegye wɔ hɔ.’+
7 Wɔn a wɔtɔ gu wɔn nan so no, mɛkora wɔn so sɛ nkaefo,+ na wɔn a wɔapam wɔn kɔ akyirikyiri no mɛyɛ wɔn ɔman kɛse.+ Na Yehowa bedi wɔn so hene wɔ Bepɔw Sion so fi nnɛ akosi daa.+
12 Na Sealtiel ba Serubabel,+ ne Yehosadak+ ba Yosua a ɔyɛ ɔsɔfo panyin, ne ɔmanfo a wɔaka no nyinaa tiee Yehowa wɔn Nyankopɔn+ ne odiyifo Hagai+ nsɛm, efisɛ Yehowa wɔn Nyankopɔn na ɔsomaa no; na Yehowa nti, nkurɔfo no suroe.+