Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Dwom 126:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 126  Bere a Yehowa boaboaa Sion nnommum ano san bae no,+

      Ɛyɛɛ yɛn sɛ adaeso.+

  • Yeremia 23:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 “Na me ara mɛboaboa me nguankuw nkae ano afi nsase a mebɔɔ wɔn hwetee so no nyinaa so,+ na mɛsan de wɔn aba wɔn adidibea,+ na wɔbɛwo na wɔayɛ bebree.+

  • Yeremia 29:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Mɛma moahu me,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛboaboa mo atukɔfo no ano na mayi mo afi aman nyinaa mu ne mmeae a mebɔɔ mo hwetee no nyinaa,’+ Yehowa asɛm ni. ‘Na mɛsan de mo aba faako a mede mo fi kɔɔ nkoasom mu no.’+

  • Yeremia 30:10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 10 “Enti, m’akoa Yakob, nsuro,” Yehowa asɛm ni, “na mmɔ hu, O Israel,+ efisɛ megye wo afi akyirikyiri na magye wo mma afi asase a wɔakɔyɛ nkoa wɔ so no so.+ Na Yakob bɛsan aba; ɔbɛba abɛhome na watena ase dwoodwoo, na obiara renyi no hu.”+

  • Hesekiel 39:25
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 25 “Enti nea Awurade Tumfoɔ Yehowa aka ni, ‘Afei de, mede Yakob nnommum bɛba+ na mahu Israel fie nyinaa mmɔbɔ,+ na mede anibere bɛbɔ me din kronkron no ho ban.+

  • Amos 9:14
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 14 Na mɛma me man Israel nnommum no asan aba,+ na wɔbɛkyekye nkurow a asɛe no atena mu,+ na wɔbɛyeyɛ bobe nturo anom mu nsã na wɔayɛ nnuaba turo adi mu aba.’+

  • Sefania 3:20
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 20 Sɛ meboaboa mo ano saa bere no a, mede mo bɛba. Na sɛ meboaboa mo nnommum ano de wɔn brɛ mo a, mɛma moayɛ edin ne ayeyi wɔ asase sofo nyinaa mu,” Yehowa na waka.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena