2 Ahene 19:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn. Dwom 115:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn ahoni yɛ dwetɛ ne sika,+Ɔdesani nsa ano adwuma.+ Yeremia 10:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Wɔte sɛ ɛfere afuw so krakrabotobi a wɔnkasa.+ Ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontumi ntutu wɔn anammɔn.+ Munnsuro wɔn efisɛ wɔrentumi mfa mmusu biara mma, na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”+ Yeremia 16:20 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 20 So ɔdesani bɛyɛ anyame afa, bere a wɔnyɛ anyame bi?+ 1 Korintofo 8:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+
18 Na wɔtow wɔn anyame guu ogya mu, efisɛ wɔnyɛ anyame,+ na mmom wɔyɛ nnipa nsa ano adwuma,+ nnua ne abo, enti wɔsɛee wɔn.
5 Wɔte sɛ ɛfere afuw so krakrabotobi a wɔnkasa.+ Ɔsoa na wɔsoa wɔn, efisɛ wontumi ntutu wɔn anammɔn.+ Munnsuro wɔn efisɛ wɔrentumi mfa mmusu biara mma, na wɔrentumi nyɛ adepa biara nso.”+
4 Afei ɛdefa nnuan a wɔde abɔ afɔre ama abosom a obi bedi+ ho de, yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee+ wɔ wiase, na Onyankopɔn biara nso nni hɔ sɛ obiako no ara.+