Yesaia 32:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nsɔe ne nkyɛkyerɛ nko na afuw me manfo asase so,+ na afa anigye afie ne ahurusi kurow nyinaa.+ Amos 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 monom nsã wɔ nkuruwa akɛse mu,+ na mosra ngo pa,+ nanso Yosef amanehunu no mmɔɔ mo yare.+