14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
21 Nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka wɔ Kolaia ba Ahab ne Maaseia ba Sedekia a wɔhyɛ nkɔntoro me din mu+ no ho ni, ‘Hwɛ, mede wɔn bɛhyɛ Babilon hene Nebukadresar nsa, na obekunkum wɔn mo anim.+