Deuteronomium 28:50 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Ɛbɛyɛ ɔman a wɔn ani yɛ den,+ na wɔrenhwɛ akwakoraa anim na wɔrenhu aberante nso mmɔbɔ.+ 2 Beresosɛm 36:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Enti ɔmaa Kaldeafo+ hene de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa. Yesaia 47:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Me bo fuw me man.+ Mihuraa m’agyapade ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akwakoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ no so.+
17 Enti ɔmaa Kaldeafo+ hene de nkrante baa wɔn so bekunkum wɔn mmerante+ wɔ wɔn kronkronbea+ hɔ, na wanhu aberante anaa ɔbaabun, ɔpanyin anaa nea wagow mmɔbɔ.+ Onyankopɔn de biribiara hyɛɛ ne nsa.
6 Me bo fuw me man.+ Mihuraa m’agyapade ho,+ na mede wɔn hyɛɛ wo nsa.+ Nanso woanhu wɔn mmɔbɔ.+ Akwakoraa mpo womaa wo kɔndua yɛɛ duru dodo wɔ no so.+