14 Asɔfo mpanyin+ ne ɔman no nyinaa nso maa wɔn mmarato dɔɔso bebree, na wɔyɛɛ akyide+ a amanaman no yɛe no bi de guu Yehowa fie a wayɛ no kronkron wɔ Yerusalem no ho fĩ.+
11 Ná Israel fie mpanyimfo aduɔson+ a Safan+ ba Yaasania ka wɔn ho gyinagyina ɔfasu no anim, na na obiara kura ade a wɔde hyew aduhuam a wusiw huamhuam fi mu reforo kɔ soro.+
39 Na bere a wokunkum wɔn mma maa wɔn abosom fĩ+ no wiei no, wɔsan baa me kronkronbea hɔ saa da no behuraa ho.+ Hwɛ, saa na wɔayɛ wɔ me fie mfinimfini pɛɛ.+