Hiob 29:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Sɛnea na mete wɔ me mmabunberem,+Na Onyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntamadan mu no;+ Dwom 15:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 O Yehowa, hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan+ mu?Hena na ɔbɛtena wo bepɔw kronkron no so?+ Dwom 25:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Wɔn a wosuro Yehowa na ɔne wɔn di atirimsɛm,+Na n’apam nso, ɔma wohu mu.+ Yeremia 23:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Hena na ɔne Yehowa anya ayɔnkofa+ ahu n’asɛm na wate?+ Hena na wawɛn n’aso na wate n’asɛm?+