4 Na n’anuonyam fɛfɛ a ɛte sɛ nhwiren a ɛretwintwam+ a wɔde ahyɛ kurow a ɛda asase pa no atifi no bɛyɛ sɛ borɔdɔma a edi kan+ ba ansa na ahohuru bere adu no; sɛ obi hu wɔ ne nsam ara pɛ a ɔbɛmene.
10 “Mihuu Israel sɛ sare so bobe.+ Mihuu mo agyanom sɛ borɔdɔma dua a asow n’aba a edi kan.+ Wɔde wɔn ho maa Baal-Peor,+ na wohyiraa wɔn ho so maa aniwude,+ na wɔn ho yɛɛ abofono te sɛ ade a wɔdɔ no no ara.+