31 Na wammu no hwee+ sɛ ɔbɛnantew Nebat ba Yeroboam bɔne mu,+ na mpo ɔkɔwaree+ Sidonfo+ hene Etbaal babea Yesebel,+ na ɔkɔsom Baal+ bɔɔ ne mu ase maa no.
13 Sɛnea wo nkurow dodow te no, saa na w’anyame dodow te, O Yuda,+ na sɛnea Yerusalem mmorɔn dodow te no, saa na moasisi afɔremuka ama aniwude,+ afɔremuka a mohyew so afɔrebɔde ma Baal no.’+