6 Na Israelfo no fii ase yɛɛ bɔne bio wɔ Yehowa ani so,+ na wɔsom Baal+ ne Astoret+ ahoni ne Siria+ anyame ne Sidon+ anyame ne Moab+ anyame ne Ammonfo+ anyame ne Filistifo+ anyame. Enti wɔpoo Yehowa na wɔansom no.+
19 Enti momfrɛfrɛ Baal adiyifo+ no nyinaa, wɔn a wɔsom no+ ne asɔfo+ no nyinaa mmra me nkyɛn. Munnnyaw obiako mpo, efisɛ merebɛbɔ afɔre kɛse ama Baal. Obiara a wamma ase no, ɔrentena nkwa mu.” Nanso na Yehu pɛ sɛ okunkum Baal asomfo no nti na ɔde anitew+ yɛɛ saa no.