64 “Yehowa bɛbɔ wo apete aman nyinaa so, fi asase ano kosi asase ano,+ na ɛhɔ na wobɛsom anyame a wo ne w’agyanom biara nnim wɔn, anyame a wɔde nnua ne abo ayɛ.+
18 “‘Na mede nkrante ne ɔkɔm ne owuyare bɛtaa wɔn so, na meyi wɔn ama na ama asase so ahenni nyinaa awosow,+ na mɛma wɔayɛ nnome ne ahodwiriwde ne ade a wɔhwɛ bɔ hwirema ne ahohora wɔ aman a mɛhwete wɔn akɔ so no nyinaa mu,+