Dwom 102:25 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 25 Teteete na wotoo asase fapem,+Na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.+ Dwom 115:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Mone wɔn a Yehowa ahyira mo;+Ɔno ne ɔsoro ne asase Yɛfo.+ Dwom 146:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase,+Ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+Ɔno na ɔkora nokware so afebɔɔ,+ Yesaia 44:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Nea Yehowa, wo Gyefo+ ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no, se ni: “Me Yehowa, me na meyɛ ade nyinaa, metwe ɔsoro mu,+ na meto asase fapem.+ Hena na na ɔka me ho? Yesaia 45:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 M’ankasa na meyɛɛ asase+ bɔɔ onipa too so.+ M’ankasa me nsa na ɛtwee ɔsoro mu,+ na emu asafo nyinaa, me na mefrɛ wɔn de wɔn si wɔn sibea.”+ Yeremia 51:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 “Yakob Kyɛfa nte sɛ eyinom,+ efisɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfo,+ na ɔyɛ n’agyapade poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.”+
24 Nea Yehowa, wo Gyefo+ ne nea ɔnwenee wo fii yafunu mu no, se ni: “Me Yehowa, me na meyɛ ade nyinaa, metwe ɔsoro mu,+ na meto asase fapem.+ Hena na na ɔka me ho?
12 M’ankasa na meyɛɛ asase+ bɔɔ onipa too so.+ M’ankasa me nsa na ɛtwee ɔsoro mu,+ na emu asafo nyinaa, me na mefrɛ wɔn de wɔn si wɔn sibea.”+
19 “Yakob Kyɛfa nte sɛ eyinom,+ efisɛ ɔno ne nneɛma nyinaa Yɛfo,+ na ɔyɛ n’agyapade poma.+ Asafo Yehowa ne ne din.”+