Dwom 77:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Yehowa bɛkɔ so atow yɛn akyene daa?+Na n’ani rennye yɛn ho bio anaa?+ Dwom 103:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɔrenhwehwɛ yɛn mfomso bere nyinaa,+Na ɔrennya yɛn ho menasepɔw daa.+ Yesaia 57:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Merenni asi nkosi daa na me bo remfuw afebɔɔ,+ efisɛ me nti nnipa honhom begurow,+ abɔde a wɔhome a mayɛ wɔn nyinaa.+ Yesaia 64:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Yehowa, yɛsrɛ wo, mma wo bo mmfuw denneennen,+ na nkae yɛn mfomso daa.+ Yɛsrɛ wo, hwɛ: yɛn nyinaa yɛ wo man.+
16 Merenni asi nkosi daa na me bo remfuw afebɔɔ,+ efisɛ me nti nnipa honhom begurow,+ abɔde a wɔhome a mayɛ wɔn nyinaa.+
9 Yehowa, yɛsrɛ wo, mma wo bo mmfuw denneennen,+ na nkae yɛn mfomso daa.+ Yɛsrɛ wo, hwɛ: yɛn nyinaa yɛ wo man.+