Yeremia 14:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+ Yeremia 23:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 “Mansoma adiyifo no, wɔn ankasa na wotutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ankasa na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+ Yeremia 28:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania+ sɛ: “Tie ɛ, O Hanania! Yehowa nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atosɛm so.+ Yeremia 29:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo akɔmfo no nnnaadaa mo,+ na munntie wɔn adae a wɔsoso no.+ Hesekiel 13:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 “Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, na wɔhyɛ nkɔntoro+ ka sɛ, ‘Yehowa se’ bere a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu.+
14 Ɛnna Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ: “Nkɔntoro na adiyifo no rehyɛ wɔ me din mu.+ Mensomaa wɔn, menhyɛɛ wɔn, na me ne wɔn nkasae.+ Atoro anisoadehu ne abosonkɔm ne adehunu+ ne wɔn komam nnaadaasɛm na wɔde hyɛ mo nkɔm.+
21 “Mansoma adiyifo no, wɔn ankasa na wotutuu mmirika. Manka hwee ankyerɛ wɔn, wɔn ankasa na wɔhyehyɛɛ nkɔm.+
15 Na odiyifo Yeremia ka kyerɛɛ odiyifo Hanania+ sɛ: “Tie ɛ, O Hanania! Yehowa nsomaa wo, na wo na woama ɔman yi de wɔn ho ato atosɛm so.+
8 Na nea asafo Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni: “Mommma mo adiyifo a wɔwɔ mo mu no ne mo akɔmfo no nnnaadaa mo,+ na munntie wɔn adae a wɔsoso no.+
6 “Wonya anisoadehu a ɛnyɛ nokware, na wɔhyɛ nkɔntoro+ ka sɛ, ‘Yehowa se’ bere a Yehowa nsomaa wɔn, na wɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu.+