15 Saa na ɛyɛe a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanyimfo+ ne asase no so atitiriw nso, ɔde wɔn fi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
28 Ɔbarima Konia+ yi te sɛ anwenne a wommu a abubu pasaa+ anaa kuku a obiara ani nnye ho anaa?+ Dɛn nti na wɔretu ɔne n’asefo agu, na wɔde wɔn akogu asase a wonnim so so?’+