14 Na ɔde Yerusalemfo nyinaa ne mmapɔmma+ no nyinaa ne mmarima akokodurufo a wɔn ho yɛ den+ no nyinaa, ne adwumfo+ ne abantofo no nyinaa, nnipa mpem du, kɔɔ nkoasom mu.+ Wɔannyaw obiara gye asase no so mmɔborɔfo+ nko.
24Yehowa ma mehwɛe, na mihuu borɔdɔma nkɛntɛn abien wɔ Yehowa asɔrefie no anim. Saa bere no, na Babilon hene Nebukadresar afa Yehoiakim+ ba Yekonia,+ Yuda hene no ne Yuda mpanyimfo ne adwumfo+ ne abantofo no afi Yerusalem de wɔn kɔ Babilon.+
29Krataa a odiyifo Yeremia de fi Yerusalem soma kɔmaa atukɔfo no mu mpanyimfo nkae ne asɔfo ne adiyifo ne ɔmanfo a Nebukadnesar de wɔn fi Yerusalem kɔɔ Babilon+ nkoasom mu no nyinaa mu nsɛm ni.