5 Saa odiyifo+ anaa ɔdaesofo no de, munkum no,+ efisɛ ɔpɛ sɛ otu mo aso na mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a oyii mo fii Egypt asase so na ogyee mo fii nkoafie no. Ɔpɛ sɛ moman fi ɔkwan a Yehowa mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ momfa so no so;+ enti munyi bɔne biara mfi mo mu.+