30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm ni: “Me ara na mekae sɛ, wo fie ne wo nana fie de, wɔbɛnantew m’anim akosi daa.”+ Nanso seesei de, nea Yehowa aka ni: “Ɛmpare me koraa, efisɛ wɔn a wodi me ni+ no, me nso medi wɔn ni,+ na wɔn a wobu me animtiaa no, meremfa wɔn nyɛ hwee.”+