30 “‘Ɛno nti, Yehowa, Israel Nyankopɔn asɛm ni: “Me ara na mekae sɛ, wo fi ne wo nana fi de, wɔbɛsom me akosi daa.”+ Nanso seesei de, nea Yehowa aka ni: “Ɛmpare me sɛ mɛyɛ saa, efisɛ wɔn a wodi me ni no, me nso medi wɔn ni,+ na wɔn a wobu me animtiaa no, meremfa wɔn nyɛ hwee.”