7 Oyi n’adɔe adi kyerɛ nnipa mpempem,+ na ɔde mfomso ne mmarato ne bɔne firi,+ nanso ɔremma nea odi fɔ mfa ne ho nni.+ Na ɔde agyanom bɔne ho asotwe ba mma ne mmanana ne nanankansowanom mpo so.”+
28 Na wo, m’akoa Yakob, nsuro,’ Yehowa asɛm ni, ‘efisɛ meka wo ho.+ Mɛhyew aman a mabɔ mo ahwete so no nyinaa ase,+ na wo de, merenhyew w’ase.+ Nanso mɛteɛ wo so sɛnea ɛfata,+ na meremma womfa wo ho nni.’”+