9 Afei Yehowa wo Nyankopɔn behyira wo nsa ano adwuma ma abu so,+ na wo yafunum aba bɛdɔɔso, na w’afieboa ase atrɛw+ na w’afuw mu nnɔbae abu so,+ na sɛnea Yehowa ani gyee w’agyanom ho no, saa ara na n’ani begye wo ho+ na wahyira wo.+
23 Na medua no sɛ aba wɔ asase so,+ na nea wɔanhu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ,+ na mɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ me man no sɛ: “Woyɛ me man,”+ na wɔn nso aka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+