23 Na medua no sɛ aba wɔ asase so,+ na nea wɔanhu no mmɔbɔ no, mehu no mmɔbɔ,+ na mɛka akyerɛ wɔn a wɔnyɛ me man no sɛ: “Woyɛ me man,”+ na wɔn nso aka sɛ: “Woyɛ me Nyankopɔn.”’”+
7 “Na Yakob nkaefo+ no bɛyɛ aman bebree mu sɛ obosu a efi Yehowa nkyɛn,+ te sɛ osu a ɛpete gu nhabamma so+ a ɛmfa n’ani nto onipa so na ɛntwɛn ɔdesani.+