Dwom 102:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Yehowa bɛkyekye Sion;+Obeyi ne ho adi n’anuonyam mu.+ Dwom 147:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Yehowa kyekye Yerusalem;+Ɔboaboa Israelfo a wɔahwete no ano.+ Yeremia 24:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+ Yeremia 32:41 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’”
6 Na mede m’ani besi wɔn so ɔkwan pa so,+ na mɛma wɔasan aba asase yi so.+ Mede wɔn besisi hɔ, na merennwiriw wɔn; medua wɔn, na merentutu wɔn ase.+
41 M’ani begye wɔn ho na mayɛ wɔn yiye.+ Mede me koma nyinaa ne me kra nyinaa bedua wɔn wɔ asase yi so,+ nokwaredi mu.’”