27 Na bere a wɔrehyira+ Yerusalem ɔfasu no so no, wɔhwehwɛɛ Lewifo no wɔ wɔn tenabea nyinaa sɛ wɔde wɔn reba Yerusalem ma wɔde aseda+ ne nnwonto,+ ne nnawuta+ ne asanku+ ahorow abedi ahurusi ahyira so.
28 Me na meka Kores ho asɛm+ sɛ, ‘Ɔyɛ me guanhwɛfo, na nea ɛsɔ m’ani biara ɔbɛyɛ,’+ ne nea maka afa Yerusalem ho sɛ, ‘Wɔbɛsan akyekye,’ ne asɔrefie no ho sɛ, ‘Wɔbɛto wo fapem.’”+
18 Nea Yehowa aka ni: “Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mu atukɔfo no ano+ na mahu ne ntamadan no mmɔbɔ. Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no+ so, na abantenten no besi ne sibea bio.+