7 “Kae: Mma wo werɛ mmfi sɛnea wohyɛɛ Yehowa wo Nyankopɔn abufuw wɔ sare no so no.+ Efi da a mufii Egypt besi nnɛ a mowɔ ha yi, daa motew atua tia Yehowa.+
25 Yɛn aniwu+ mu na yɛda na yɛn animguase kata yɛn ho daa;+ Yehowa yɛn Nyankopɔn na yɛayɛ no bɔne,+ yɛne yɛn agyanom, fi yɛn mmofraase besi nnɛ,+ na yɛantie Yehowa yɛn Nyankopɔn nne.”+
8 “‘Mibetwaam faa wo ho, na mihui sɛ wo bere yɛ ɔdɔ bere.+ Enti metrɛw m’atade mu wɔ wo so+ kataa w’adagyaw so, na mekaa ntam ne wo yɛɛ apam,’+ Awurade Tumfoɔ Yehowa asɛm ni. ‘Na wobɛyɛɛ me dea.+
28 Mede wɔn baa asase+ a memaa me nsa so kaa ntam sɛ mede bɛma wɔn+ no so. Nanso sɛ wohu koko a ɛkorɔn+ ne dua kusuu biara a, na wɔafi ase rebɔ afɔre wɔ hɔ,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde baa hɔ de huruu me bo, na wɔbɔɔ afɔre huamhuam+ guu nsã wɔ hɔ.+