10 Wɔasan kɔ wɔn agyanom amumɔyɛ mu,+ tetefo a wɔanni me nsɛm so a wokodii anyame foforo akyi som wɔn no.+ Israel fie ne Yuda fie abu m’apam a me ne wɔn agyanom yɛe no so.+
17 Na ɔtoaa so ka kyerɛɛ me sɛ: “Onipa ba, woahu? So ɛyɛ ade ketewa sɛ Yuda fie bɛyɛ abofonode a wɔreyɛ wɔ ha yi de amumɔyɛ+ ahyɛ asase no so mã, na wɔasan abeyi me ahii de dubaa* aka me hwene?