1 Ahene 11:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Ɛnna Yehowa bo fuw+ Solomon efisɛ ne koma dan fii Yehowa, Israel Nyankopɔn a oyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho.+ 2 Ahene 23:26 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa annan amfi n’abufuhyew kɛse no ho, abufuhyew a ɛdɛw Yuda so,+ Manase nneɛma bɔne a ɔyɛe de hyɛɛ no abufuw+ no nti. 1 Beresosɛm 10:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Saa na ɛyɛe a Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni,+ na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo+ hɔ. Esra 9:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Efi yɛn agyanom+ bere so na yɛn asodi adɔɔso abesi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahene+ ne yɛn asɔfo+ ahyɛ asase so ahene nsa, wɔ nkrante,+ nkoasom,+ afow+ ne animguase+ mu te sɛ nnɛ da yi. Yeremia 15:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Na nea Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛe wɔ Yerusalem nti,+ mɛma wɔn ho aguan wɔn, asase so ahenni nyinaa mu.+
9 Ɛnna Yehowa bo fuw+ Solomon efisɛ ne koma dan fii Yehowa, Israel Nyankopɔn a oyii ne ho adi kyerɛɛ no mprenu+ no ho.+
26 Ne nyinaa akyi no, Yehowa annan amfi n’abufuhyew kɛse no ho, abufuhyew a ɛdɛw Yuda so,+ Manase nneɛma bɔne a ɔyɛe de hyɛɛ no abufuw+ no nti.
13 Saa na ɛyɛe a Saul wui ne mmarato mu efisɛ wannye Yehowa anni,+ na wanni Yehowa asɛm so; ɔkɔɔ abisa nso wɔ ɔdebisafo+ hɔ.
7 Efi yɛn agyanom+ bere so na yɛn asodi adɔɔso abesi nnɛ da yi,+ na yɛn bɔne nti, wɔde yɛne yɛn ahene+ ne yɛn asɔfo+ ahyɛ asase so ahene nsa, wɔ nkrante,+ nkoasom,+ afow+ ne animguase+ mu te sɛ nnɛ da yi.
4 Na nea Yuda hene Manase, Hesekia ba no yɛe wɔ Yerusalem nti,+ mɛma wɔn ho aguan wɔn, asase so ahenni nyinaa mu.+