Dwom 126:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 126 Bere a Yehowa boaboaa Sion nnommum ano san bae no,+Ɛyɛɛ yɛn sɛ adaeso.+ Yeremia 33:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na mɛsan de Yuda atukɔfo ne Israel atukɔfo no aba,+ na mɛsan ama wɔn so asi hɔ sɛ kan no.+