3 ɛnde Yehowa wo Nyankopɔn behu wo mmɔbɔ+ na ɔde wo nkurɔfo a wɔwɔ nkoasom+ mu no aba, na waboaboa wɔn ano afi aman a Yehowa wo Nyankopɔn pam wo kɔɔ so no nyinaa so.+
3 “Hwɛ! Nna bi reba,” Yehowa asɛm ni, “na mɛboaboa me man Israel ne Yuda atukɔfo no ano,+ na mɛsan de wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom no so, na wɔbɛsan abɛtena so,”+ Yehowa asɛm ni.’”
44 “‘Nnipa de sika bɛtotɔ nsase, na wɔbɛyeyɛ ho adanse nkrataa+ na wɔasosɔw ano afa ho adansefo+ wɔ Benyamin+ asase so ne Yerusalem+ ho nkurow mu ne Yuda+ nkurow mu ne mmepɔw so nkurow mu ne nkurow a ɛdeda fam+ mu ne anafo nkurow mu,+ efisɛ mɛsan de wɔn atukɔfo no aba,’+ Yehowa asɛm ni.”