Hiob 38:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 Wunim wim mmara?+Anaa wubetumi ahyehyɛ ne tumidi wɔ asase so? Dwom 74:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Wo na adekyee yɛ wo dea, na adesae nso wɔ wo.+Wo na wusiesiee akanea, na owia nso ka ho.+ Dwom 104:19 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Woayɛ ɔsram sɛ ɛnkyerɛ bere;+Owia nim faako a ɛkɔtɔ.+ Yeremia 31:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Yehowa a ɔma owia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama ɔsram+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ nea ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, nea waka ni:
35 Yehowa a ɔma owia hyerɛn awia+ na wahyehyɛ mmara+ ama ɔsram+ ne nsoromma sɛ wɔnhyerɛn anadwo,+ nea ɔkanyan po ma n’asorɔkye huru+ a ne din ne asafo Yehowa+ no, nea waka ni: