Exodus 21:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Sɛ wotɔ Hebrini sɛ akoa+ a, ɔbɛsom mfe asia, na afe a ɛto so ason no ɔbɛfa ne ho adi koraa.+ Leviticus 25:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+ Deuteronomium 15:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbea ma wo,+ na ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, gyaa no ma ɔnkɔ.+
10 Monyɛ afe a ɛto so aduonum no afe kronkron, na mommɔ dawuru mma asase no sofo nyinaa nnya ahofadi.+ Ɛbɛyɛ Ahofadi afe+ ama mo, na obiara nsan nkɔ n’agyapade so na obiara nsan nkɔ n’abusuafo nkyɛn.+
12 “Sɛ wɔtɔn wo nua Hebrini barima anaa ɔbea ma wo,+ na ɔsom wo mfe asia a, afe a ɛto so ason no, gyaa no ma ɔnkɔ.+