15 Saa na ɛyɛe a ɔfaa Yehoiakin+ kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon,+ na ɔhene maame+ ne ɔhene yerenom ne n’ahemfie mpanyimfo+ ne asase no so atitiriw nso, ɔde wɔn fi Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilon.
10 Na afe kɔ behyiae+ no, Ɔhene Nebukadnesar soma+ ma wɔkɔfaa no baa Babilon,+ na wɔde Yehowa fie nneɛma a ɛsom bo kaa ne ho bae.+ Na ɔde ne papa nua Sedekia+ sii Yuda ne Yerusalem so hene.+
30 Nea Yehowa aka ni, ‘Monkyerɛw wɔ ɔbarima yi ho sɛ obi a onni ba,+ ɔbarima a ɛrensi no yiye wɔ ne nna mu, efisɛ n’aseni biara nni hɔ a ebesi no yiye+ ma watena Dawid ahengua so+ adi ade wɔ Yuda bio.’”